Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #384

Hymn 384 Dapɛn Fof'ro Mu Nyame

[V1]
Dapɛn fofro mu Nyame
Ahwɛ y'akwantu so dwoo;
Momma yɛnhwehwɛ nhyira,
Yɛretwɛn Ne fie nnɛ yi;
Dapɛn nyinaa mu da pa,
Daa home ho sɛnky'rɛnne.
Dapɛn nyinaa mu da pa,
Daa home ho sɛnky'rɛnne.

[V2]

B're a yɛnam Dimafo
Din mu hwehwɛ ɔdom yi,
Fa W'aniim pa no ky'rɛ yɛn,
Yi yɛn bɔn' ne fɛre hɔ;
Gye yɛn dadwen ne haw mu,
Ma yɛnhome Wo mu nnɛ.
Gye yɛn dadwen ne haw mu,
Ma yɛnhome Wo mu nnɛ.

[V3]

Yɛsɔre anɔpa a,
Ma yɛnte nka sɛ Wobɛn;
Y'aba W'ahengua so yi,
Ma y'ani nhu W'anuonyam;
'Wura ma yɛnka daapem
Aponto no nhwɛ wɔ ha.
'Wura ma yɛnka daapem
Aponto no nhwɛ wɔ ha.

[V4]

Ma 'sɛmpa no ho 'nigye
Nni bɔn' so nim, nkyekye w'rɛ;
Ma ɔdom aba nnɔɔso
Mfa 'hosan mma obiara;
Ma home nna ny'naa nyɛ saa,
Kosi sɛ yebedi hen;
Ma home nna ny'naa nyɛ saa,
Kosi sɛ yebedi hen'.

384. Dapɛn Fof'ro Mu Nyame

Link copied to clipboard successfully!