Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #355
Hymn 355 ɔbra Kwan Horow Yi Mu a
[V1]
ɔbra kwan horow yi mu a
Aman ne mmusua teateam na
Ahopɛ nne ahyɛ ma yi;
Yɛte Wo nne, Onipa Ba.
ɔbra kwan horow yi mu a
Aman ne mmusua teateam na
Ahopɛ nne ahyɛ ma yi;
Yɛte Wo nne, Onipa Ba.
[V2]
Efi mmofraase mm'rɛwyɛ mu;
Adasa yaw ne wɔn brɛ mu,
Akrá a wɔwɔ kɔm ne haw mu,
Wo koma ntwe mfii wɔn ho da.
Efi mmofraase mm'rɛwyɛ mu;
Adasa yaw ne wɔn brɛ mu,
Akrá a wɔwɔ kɔm ne haw mu,
Wo koma ntwe mfii wɔn ho da.
[V3]
Nsu a Wo nti wɔde ma no
Da so ara kųra Wo dom no;
Nso nnipakuw yi kɔn dɔ sɛ
Wobehu W'anim mmɔb'rɔhun'.
Nsu a Wo nti wɔde ma no
Da so ara kųra Wo dom no;
Nso nnipakuw yi kɔn dɔ sɛ
Wobehu W'anim mmɔb'rɔhun'.
[V4]
Owura, fi bepɔ no so
Bɛsa 'manehun'fo yare;
Bɛtra nnipa a wɔay'ra yim
Na nante Kųro n' mmɔnten so bio
Owura, fi bepɔ no so
Bɛsa 'manehun'fo yare;
Bɛtra nnipa a wɔay'ra yim
Na nante Kųro n' mmɔnten so bio
[V5]
Kosi sɛ wiase ny'naa besua
Wo dɔ, afa W'anammɔn so;
Kosi sɛ yɛn Nyame Kųro no
Fi Wo s'ro bɛba 'nuonyam mu.
Kosi sɛ wiase ny'naa besua
Wo dɔ, afa W'anammɔn so;
Kosi sɛ yɛn Nyame Kųro no
Fi Wo s'ro bɛba 'nuonyam mu.