Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #354
Hymn 354 Nyame, Wɔ Dɔ Na Ͻbɔɔ Nnipa Ny'naa
[V1]
Nyame, Wo dɔ na ɛbɔɔ nnipa mma ny'naa,
Na adi Wo mma anim 'besi nnɛ,
Abrabɔ mu 'nuonyam wie pɛyɛ Kristom,
Wo Honhom yi Ne tumi adi ky'rɛ.
Nyame, Wo dɔ na ɛbɔɔ nnipa mma ny'naa,
Na adi Wo mma anim 'besi nnɛ,
Abrabɔ mu 'nuonyam wie pɛyɛ Kristom,
Wo Honhom yi Ne tumi adi ky'rɛ.
[V2]
Yefi ɔbra sum mu abasamtu mu,
Ahantan ne ɔbrakyew nyinaa mu,
Dan yɛn ho hwehwɛ Wo nokware hann no,
Na yehu Wo dom a ɛretwɛn yɛn.
Yefi ɔbra sum mu abasamtu mu,
Ahantan ne ɔbrakyew nyinaa mu,
Dan yɛn ho hwehwɛ Wo nokware hann no,
Na yehu Wo dom a ɛretwɛn yɛn.
[V3]
Fa mmɔb'rɔhun' hwɛ Wo mma sɛ wɔrep're,
Hwehwɛ nkwa, 'somdwoe, 'hofadi, nkabom,
Kosi sɛ Wo nokware bewie pɛyɛ,
Na yɛahu nnepa henkyɛw wɔ Kristom.
Fa mmɔb'rɔhun' hwɛ Wo mma sɛ wɔrep're,
Hwehwɛ nkwa, 'somdwoe, 'hofadi, nkabom,
Kosi sɛ Wo nokware bewie pɛyɛ,
Na yɛahu nnepa henkyɛw wɔ Kristom.
[V4]
Hyɛ W'asafo den 'sase so haw nyinaam',
Ma wɔnka n'Aw'rade ho asɛmpa,
Kosi sɛ akodi wiase yi de dɛw,
Bɛte ɔsoro dɔ kɛse no nka.
Hyɛ W'asafo den 'sase so haw nyinaam',
Ma wɔnka n'Aw'rade ho asɛmpa,
Kosi sɛ akodi wiase yi de dɛw,
Bɛte ɔsoro dɔ kɛse no nka.