Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #331
Hymn 331 O Yesu Mahyɛ Wo Bɔ
[V1]
O Yesu mahyɛ Wo bɔ
Sɛ mɛsom Wo daa daa,
Twiw bɛn me bere nyinaam',
Me Wura, m'Adamfo;
Merensuro ɔko no,
Sɛ Wowɔ m'afa a
Meremman mfi kwan no so,
Na Woyɛm' Kannifo.
O Yesu mahyɛ Wo bɔ
Sɛ mɛsom Wo daa daa,
Twiw bɛn me bere nyinaam',
Me Wura, m'Adamfo;
Merensuro ɔko no,
Sɛ Wowɔ m'afa a
Meremman mfi kwan no so,
Na Woyɛm' Kannifo.
[V2]
Ma minhu sɛ Wobɛn me,
Wiase yi bɛn me de;
Nso b'ribi gyegye m'ani;
Mete nnaadaa nnyigyei.
M'atamfo bɛn me dodo,
Wɔatwa me ho ahyia
Nso, Yesu, twiw bɛn me yie,
Gye me kra fi bɔnem'.
Ma minhu sɛ Wobɛn me,
Wiase yi bɛn me de;
Nso b'ribi gyegye m'ani;
Mete nnaadaa nnyigyei.
M'atamfo bɛn me dodo,
Wɔatwa me ho ahyia
Nso, Yesu, twiw bɛn me yie,
Gye me kra fi bɔnem'.
[V3]
O, Yesu, Woahyɛ wɔn a
Wodi W'akyi bɔ sɛ,
W'anuonyam mu nea Wowɔ,
Wo nkoa nso bɛba hɔ.
Na Yesu, mahyɛ Wo bɔ
Sɛ mɛsom Wo daa daa,
O, ma me dom nni W'akyi
Me Wura, m'Adamfo.
O, Yesu, Woahyɛ wɔn a
Wodi W'akyi bɔ sɛ,
W'anuonyam mu nea Wowɔ,
Wo nkoa nso bɛba hɔ.
Na Yesu, mahyɛ Wo bɔ
Sɛ mɛsom Wo daa daa,
O, ma me dom nni W'akyi
Me Wura, m'Adamfo.