Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #330

Hymn 330 Gye Me Bra, Me Wura Ma

[V1]
Gye me bra, me Wura ma
Memfa nhyɛ Wo nsa koraa;
Gye me nsa na ma ɛnyɛ
Nea Wo dɔ nko bɛkyerɛ.
Nea Wo dɔ nko bɛkyerɛ.

[V2]

Gye me nan na ma ɛho
Nyɛ hare nsɔ Wo ani;
Gye me nne na ma mento
Dwom mma me Hene daa daa.
Dwom mma me Hene daa daa.

[V3]

Gye m'anofafa na ma
W'asɛmpa no nhyɛ mu ma;
Gye me dwetɛ ne sika,
Emu ban mpo meremfa.
Emu ban mpo meremfa.

[V4]

Gye me pɛ fa yɛ Wo de,
Ͻrenyɛ me de biɔo;
Gye me koma, Wo dč ampa;
Ͻbɛyɛ Wo ahengua.
Ͻbɛyɛ Wo ahengua.

[V5]

Gye me dɔ m'Awurade,
Mihwie gu wo nan ase;
Gye me ne m'ade nyinaa,
Mɛyɛ Wo nko Wo de daa,
Mɛyɛ Wo nko Wo de daa.

330. Gye Me Bra, Me Wura Ma

Link copied to clipboard successfully!