Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #301

Hymn 301 Twe Me Bɛn Wo Koma Ho Ara

[V1]
Twe me bɛn Wo koma ho ara,
M'Agyenkwa a Wosom bo, twe me bɛn;
O, fa me fam Wo koko mu pɛɛ;
Kora me so wɔ Wo hintabea hɔ,
Kora me so wɔ Wo hintabea hɔ.

[V2]

Twe me bɛn ara, minni hwee a
Mede bɔ Yesu, me Hen', afɔre,
Sɛ me bɔne komá a abubu'i;
Fa Wo mogyá a ɛtew ho no guar' me,
Fa Wo mogyá a ɛtew ho no guar' me,

[V3]

Twe me bɛn, W'ra, ma menyɛ Wo de;
Mede 'nigye gyae me bɔne nyinaa,
Emu anigye ne 'hantan nso;
Fa Yesu ma me, me W'rá wokum No,
Fa Yesu ma me, me W'rá wokum No,

[V4]

Twe me bɛn ara, nkwa nna yi mu;
Kosi sɛ medu Wo nkyɛn 'nuonyam mu;
Na matra Wo nkyɛn daa afebɔɔ,
Twe me bɛn, m'Agyenkwa, Wo nkyɛn ara,
Twe me bɛn, m'Agyenkwa, Wo nkyɛn ara,

301. Twe Me Bɛn Wo Koma Ho Ara

Link copied to clipboard successfully!