Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #284

Hymn 284 Wo Nti Merebɔ Mpae

[V1]
Mewɔ 'Gyenkwa a ɔresrɛ 'nuonyam mu,
Wiase nnamfo sua de, nso ɔyɛ dɔfo;
Seesei ɔda so hwɛ me so ara 'dɔ mu,
O, anka m'Agyenkwa'i yɛ wo gyefo a!

**Nnyeso**
Wo nti merebɔ mpae, Wo nti merebɔ mpae,
Wo nti merebɔ mpae, Merebɔ mpae maw'.

[V2]

Mewɔ Agya bi a Wamam' 'nidaso
Wɔ daa nkwa ho, ɛyɛ nokwar' ne nhyira.
Ͻrenkyɛ ɔbɛfiɛ me na mahyia No wim,
O, anka ɔbɛma me de w' akɔ a!

[V3]

Mewɔ 'tade bi, ɛhoa sɛ suky'rɛmma,
Mihu sɛ ɛretwɛn wɔ anuonyam mu;
O sɛ me nsa ka 'tade a ɛhy'rɛn yi a,
'Damfo pa, m'ani bɛgye sɛ wohyɛ bi.

[V4]

Sɛ Yesu gye wo a, ka ky'rɛ afof'ro
Sɛ w'Agyenkwa pa no yɛ wɔn Agyenkwa;
Srɛ sɛ wo Gyefo de wɔn bɛkɔ 'nuonyam mu,
Na wubenya saa mpaebɔ yi ho mmuae pa.

284. Wo Nti Merebɔ Mpae

Link copied to clipboard successfully!