Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #283

Hymn 283 O 'Yesu a Wugyina

[V1]
O 'Yesu a Wugyina
ɔpon' akyi retwɛn
'Hobrɛase ne 'bodwoky'rɛm',
Sɛ Worensian kra ho;
Kristofo 'niwufo a
Yekųra Ne din, frankaa,
'Niwu kɛse wɔ yɛn so,
Sɛ yɛma No twɛn hɔ.

[V2]

Yesu a Worebɔ pon,
Hwɛ Wo nsa ho atwa
Ne Wo t'ri so nsɔekyɛw no
Ne W'ani so nusu;
Hwɛ sɛ 'dɔ a ɛtrá adwen
Retwɛn boasetɔ mu,
Na bɔn' a ennė nsɛso
Nso rebram ɔpon no.

[V3]

Yesu a Wugu so s'rɛ
Wɔ 'hobrɛase mu sɛ:
'Mibewu maa mo, Me mma
Dɛn na moyɛ Me yi?'
O, W'ra, yɛde 'niwu ne
'W'rɛhow bue yɛn komam'
Agyenkwa pa, bɛhyɛn mu
Na fa yɛ Wo fie daa.

283. O 'Yesu a Wugyina

Link copied to clipboard successfully!