Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #249
Hymn 249 Yi No Ayɛ
[V1]
Yi No ayɛ! Yesu yɛn Ponfo hyirafo,
Asase, to N'anwanwadɔ ho dwom;
Mommɔ No se 'nuonyam mu abɔfo mpanyin,
Monhyɛ Ne din kronkron no anuonyam;
Yesu bɛhwɛ Ne mma sɛ Oguanhwɛfo,
N'abasa so na ɔsoa wɔn daa daa.
**Nnyeso**
Yi No ayɛ! Ka ne kɛseyɛ no kyerɛ;
Yi No ayɛ anigye dwom mu daa.
Yi No ayɛ! Yesu yɛn Ponfo hyirafo,
Asase, to N'anwanwadɔ ho dwom;
Mommɔ No se 'nuonyam mu abɔfo mpanyin,
Monhyɛ Ne din kronkron no anuonyam;
Yesu bɛhwɛ Ne mma sɛ Oguanhwɛfo,
N'abasa so na ɔsoa wɔn daa daa.
**Nnyeso**
Yi No ayɛ! Ka ne kɛseyɛ no kyerɛ;
Yi No ayɛ anigye dwom mu daa.
[V3]
Yi No ayɛ, Yesu yɛn Ponfo hyirafo,
Yɛn bɔne nti Ohuu amane wui;
Yɛn Botantim, yɛn nkwagye ho anidaso;
Mommɔ No 'se, Yesu a wɔsɛn No.
Monkamfo No, Yesu a ɔsoaa yɛn yaw,
Ͻyɛ anwanwa dɔ, emu yɛ den.
Yi No ayɛ, Yesu yɛn Ponfo hyirafo,
Yɛn bɔne nti Ohuu amane wui;
Yɛn Botantim, yɛn nkwagye ho anidaso;
Mommɔ No 'se, Yesu a wɔsɛn No.
Monkamfo No, Yesu a ɔsoaa yɛn yaw,
Ͻyɛ anwanwa dɔ, emu yɛ den.
[V4]
Yi No ayɛ! Yesu yɛn Ponfo hyirafo,
Hosana bɛwosow s'ro apon mu;
Yesu yɛn Agyenkwa no di hen afebɔɔ,
Monhyɛ No hen', 'Diyifo ne Sɔfo.
Kristo reba wiase wɔ nkonimdi mu,
Tumi ne anuonyam wɔ Aw'rade.
Yi No ayɛ! Yesu yɛn Ponfo hyirafo,
Hosana bɛwosow s'ro apon mu;
Yesu yɛn Agyenkwa no di hen afebɔɔ,
Monhyɛ No hen', 'Diyifo ne Sɔfo.
Kristo reba wiase wɔ nkonimdi mu,
Tumi ne anuonyam wɔ Aw'rade.