Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #234

Hymn 234 Kristo, Wiase Hann, Obi Nka Ne Ho

[V1]
Kristo, wiase Hann, obi nka Ne ho,
ɔwoo No sum yim' ma ɔbɛyɛɛ yɛn Nua;
Sɛ yehu No a, na yɛahu Agya no,
Anuonyam nka Nyame.

[V2]

Kristo, yɛn 'Somdwoe, obi nka Ne ho,
Obi ntum' nsom No, mmu ne yɔnko 'nimtia;
Hena ka yɛn bom Agya Nyankopɔn mu?
Anuonyam nka Nyame!

[V3]

Kristo, wiase Nkwa, obi nka Ne ho,
Nea wɔtɔnee No, yɛn Nua a wokum No;
Nea ɔgyee yɛn no ne Agya no di hen',
Anuonyam nka Nyame!

[V4]

'Nuonyam nka Nyame, obi nka Ne ho,
'Nuonyam nka Nyame, honhom, 'Ba ne Agya;
'Nuonyam nka Nyame a ɔdanee 'nipa
Anuonyam nka Nyame!

234. Kristo, Wiase Hann, Obi Nka Ne Ho

Link copied to clipboard successfully!