Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #233

Hymn 233 Kristō a W'anuonyam Hy'rɛm Wim

[V1]
Kristō a W'anuonyam hy'rɛn wim,
Kristo, nokware ne hann,
Sɔre, Wo trenee awia,
Di 'nadwo sum so nkonim;
S'ro 'dekyee hann, twiw bɛn me,
'Dekyee ns'roma bram' komam'.

[V2]

'Nɔpa a Wunni mu no
Yɛ sum ne awerɛhow;
'Nigye bi nni da no mu,
Gye sɛ mihuW' mmɔb'rɔhun'
Sɛ ɛbɛhyerɛn me mu
De dɛw aba me komam'.

[V3]

Bra na bɛsra me kra yi,
Hyɛn' bɔn' ne 'w'rɛhow sum nom';
Hyɛ me ma, Wo soro hann;
Pam m'akyinnye no nyinaa;
Yi Wo ho adi ky'rɛ me,
Ma ɛnhy'rɛn nkosi da no.

233. Kristō a W'anuonyam Hy'rɛm Wim

Link copied to clipboard successfully!