Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #210

Hymn 210 Munnyan Na 'Nadwo Retwam Ntɛm

[V1]
Awɛmfo a wɔwɔ s'ro reteam;
Munnyan, Yerusalem, monsɔr'!
ɔdasum dɔn no rebɔ brɛoo,
Ne teaseɛnam nan rewoso ba;
Mo mmaabun mmadwemma, monwɛn,
Momfa ɔpɛ nsɔre
Monkohyia 'Yef'rokun'; Haleluya!
Momfa mo 'kanea mfa sum nom',
Monyɛ ntɛm nkɔfra dɔm no mu.

[V2]

Sion te awɛmfo no dwom,
Ne koma de anigye woso.
Onyan, sɔre fi 'w'rɛhow mu,
N'ayef'rokun' ba 'nuonyam mu,
ɔde dom adi nim nokwar' mu;
Ns'romma no apue, hann aba.
Mommɔ 'se mma 'W'rade,
Yɛn 'henkyɛw, yɛn 'katua; Haleluya!
Yɛde nnwom nante hare so
Kɔfra 'yef'rodɔm nom' 'nigyem.

[V3]

Nyame Guammaa, ɔs'ro som Wo,
Nnipa ne 'bɔfo to dwom W'anim,
Nsankuw ne akasa nne mu;
Yegyina 'bohemma 'pon ho,
Yɛma yɛn nne so tea mu dennen
Twa W'ahengua hyɛnhyɛn ho hyia;
Aniwa biara nhui,
Na aso biara ntee 'Nigye sei da;
Yɛma dwom so 'dɔm kɛse mu,
De yi W'ayɛ nna santen ny'naa."

210. Munnyan Na 'Nadwo Retwam Ntɛm

Link copied to clipboard successfully!