Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #209

Hymn 209 Anuonyam Da No Reba

[V1]
Anuonyam da no reba,
Na dɔn no reba ntɛm;
Ne hann fɛfɛ no rebɛn,
Ͻhyerɛn sen owia;
ɔs'ro mununkum mu na
Agyenkwa no bepue,
Abɛboaboa N'aponfo
Ano de wɔn akɔ.

[V2]

'Hotefo nkonimdifo
Behyia wɔn Aw'rade,
Na 'nuonyam asase no
Bɛyɛ wɔn akatua;
Nyame a Odi hen' no
Bɛpopa nusu ny'naa;
Esum bi rentra hɔ bio
Ͻbɛyɛ daa 'dekyee.

[V3]

Kristoni, nyan fi nna mu,
Ma wo dɔ nyɛ kase;
Wɛn bɔ mpae di nokware,
T'robɛnto no bebom;
Bɔn'yɛfo, tie kɔkɔbɔ 'I,
Guan kɔ Kristo nkyɛn ntɛm;
Na nhyira anɔpa no
Woakohyia No wɔ wim.

209. Anuonyam Da No Reba

Link copied to clipboard successfully!