Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #170

Hymn 170 Mommra, 'Gyidifo, Monto

[V1]
Mommra, 'gyidifo, monto
Nkonim anigye dwom,
Nyame de Israel afi
W'rɛhowm' aba dɛw mu;
Yakob mma afi Farao
Kɔndua d'rud'ru n'ase
Afa 'sase kesee so,
Ͻpo Kɔkɔɔ no mu.

[V2]

Akra 'h'rusi da ne nnɛ,
Kristo apue afi
Nnansa wu mu asɔre
Sɛnea owia repue.
Yɛn bɔne horow nyinaa
Mu tumi retu y'ra
Ne hann anim,
Nea ɔsɛ Nnaase ne nkamfo daa.

[V3]

Mmere mu b're kunini
De anuonyam da hann
Ne afahyɛ mu 'fahyɛ,
Ba bɛky'rɛ n'anigye,
De dɛw brɛ agyidifo
A wɔde nokwar' dɔ
To dwom a egyigye yie
Yesu wusɔre ho.

[V4]

Ͻnnɛ asuafo no mu,
Kristo puei b'rč a ɔde
N'asomdwoe pa a ɛtra
Nimdeɛ ny'naa so no mae.
Owu apono anaa
Damoa mu sum kabii,
Awɛmfo anaa ɔbɔ
Antum' ankora No.

[V5]

'Haleluya!' yɛteam ky'rɛ
Yɛn Hen' a Onwu da;
Nea nkonim mu
Obubuu Asaman apon' no.
'Haleluya!' yɛkamfo Agya ne ɔba no,
'Haleluya!' yɛto bio
Ma Honhom Kronkron no.

170. Mommra, 'Gyidifo, Monto

Link copied to clipboard successfully!