Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #169

Hymn 169 Mommra, 'Gyidifo, Monto

[V1]
Mommra, 'gyidifo, monto
Nkonim anigye dwom.
Nyame de Ne mma afi
W'rɛhowm' aba dɛw mu;
Monni dɛw, Yerusalem,
Momfa nokware dɔ
Nto dwom a egyigye fa
Yesu wusɔre ho.

[V2]

Akra 'h'rusi da ne nnɛ,
Kristo apue afi
Owu sum afiase mu.
Hann ne nɔkwa apue,
Yɛn bɔne horow nyinaa
Mu tumi retu y'ra
Ne hann anim, Nea ɔsɛ
Nnaase ne nkamfo daa.

[V3]

'Haleluya!' yɛteam ky'rɛ
Yɛn Hen' a Onwu da.
Nea nkonim mu Obubuu
Asaman apon' no:
'Haleluya!' yɛkamfo
Agya ne ɔba no;
'Haleluya!' yɛto bio
Ma Honhom Kronkron no.

169. Mommra, 'Gyidifo, Monto

Link copied to clipboard successfully!