Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #110
Hymn 110 Nyame Ahummɔb'rɔ
[V1]
Nyame ahummɔb'rɔ
Sen 'fa wiase ny'naa;
Na Ne frankaa no hy'rɛn
N'asafo anim.
Ͻtrɛw anuonyam mu,
Te sɛ ɔsoro;
Nkonimdi kɛse mu,
Ne daa dɔ no hy'rɛn.
Nyame ahummɔb'rɔ
Sen 'fa wiase ny'naa;
Na Ne frankaa no hy'rɛn
N'asafo anim.
Ͻtrɛw anuonyam mu,
Te sɛ ɔsoro;
Nkonimdi kɛse mu,
Ne daa dɔ no hy'rɛn.
[V2]
'Huhub're wia rebɔ
'Sase ne 'po so;
Anigye hann no hy'rɛn
Nneɛma ny'naa so kwa;
B'ribiara dė 'h'rusi
Wɔ ne hann no mu;
Asase ne mpempem
Nto ayeyi nnwom.
'Huhub're wia rebɔ
'Sase ne 'po so;
Anigye hann no hy'rɛn
Nneɛma ny'naa so kwa;
B'ribiara dė 'h'rusi
Wɔ ne hann no mu;
Asase ne mpempem
Nto ayeyi nnwom.
[V3]
'Wura, hwie Wo hann pa
Gu y'anif'rae so;
Wo dɔ ayamye nti,
Yɛbɛdɔ Wo pii;
Na sɛ mununkum si kabii wɔ ewim,
Na anim kata a,
Agya, twiw bɛn yɛn.
'Wura, hwie Wo hann pa
Gu y'anif'rae so;
Wo dɔ ayamye nti,
Yɛbɛdɔ Wo pii;
Na sɛ mununkum si kabii wɔ ewim,
Na anim kata a,
Agya, twiw bɛn yɛn.
[V4]
Yɛrennye Wo ho kyim,
Wo hann sie mpo a;
Wunnim' a nkwa d'ru sum,
'Wu yɛ hann Wo nkyɛn;
Hann mu hann hy'rɛn yɛn so,
Yɛn 'kwantu yi mu,
Di yɛn anim kodu Dá enni awiei.
Yɛrennye Wo ho kyim,
Wo hann sie mpo a;
Wunnim' a nkwa d'ru sum,
'Wu yɛ hann Wo nkyɛn;
Hann mu hann hy'rɛn yɛn so,
Yɛn 'kwantu yi mu,
Di yɛn anim kodu Dá enni awiei.