Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #109

Hymn 109 Yɛn Aw'rade Dɔfo Dom

[V1]
Yɛn Aw'rade dɔfo dom nwanwa,
ɔdom a ɛb'ro yɛn bɔne so,
A wohwie guu Kalbre bepɔ so
'Hɔ na wohwiee 'Guammaa mogya gui.

**Nnyeso**
'Dom, 'dom (anwanwa dom)
'S'ro 'dom ('dom a ɛnsa)
'Dom a ɛde bɔn' kyɛ, tew yɛn mu;
'Dom, 'dom (anwanwa dom)
'S'ro 'dom ('dom a ɛnsa)
'Dom a ɛb'ro bɔne nyinaa so.

[V2]

Bɔne ne abasamtu te sɛ
'S'rɔkye de ɔy'ra huna kra no;
ɔdom kɛse, nea enni kabea
Kyerɛ yɛn guankɔbea 'sɛnnua no.

[V3]

ɔdom nwanwa a enni kabea,
Wɔde ma nea ɔgye di no kwa!
Mo a morep're ahu N'anim,
So mobɛgye Ne dom no seesei?

109. Yɛn Aw'rade Dɔfo Dom

Link copied to clipboard successfully!