Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #73

Hymn 73 Kronkron, Kronkron, Kronkron

[V1]
Kronkron, kronkron, kronkron,
Onyame Tumfo,
Anɔpahema mu
Wobɛte yɛn nne daa;
Kronkron, kronkron, kronkron,
ɔdomfo ne Tumfo,
Nyame Baasak'ro a wɔahyira Wo.

[V2]

Kronkron, kronkron, kronkron,
Abɔfo som Wo,
Wɔde wɔn ahenkyɛw
gu ahwehwɛ po ho;
Mɔpempem ne pedu
som Wo wɔ ase ha;
Wo a Wowɔɔ hɔ na Wowɔ hɔ daa.

[V3]

Kronkron, kronkron, kronkron,
Sɛ sum de Wo sie,
Na bɔn'yɛfo ani nhu
W'anuonyam no a,
Wo nkutoo ne Kronkron,
Na obi nka Wo ho,
Woyɛ pɛ wɔ dɔ,
tum' ne 'hotew mu.

[V4]

Kronkron, kronkron, kronkron,
Onyame Tumfo,
Wo nnwuma beyi
Wo din ayɛ fam ne s'ro
Kronkron, kronkron, kronkron,
ɔdomfo ne Tumfo
Nyame Baasak'ro a wɔahyira Wo.

73. Kronkron, Kronkron, Kronkron

Link copied to clipboard successfully!