Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #765
Hymn 765 NG15 Kan’ Na Meyε ‘Ninfrani
[V1]
Kan’ na meyε ‘nifrani nanso nnε m’ani abue,
Kristo mogya dehye no agye me;
Sε mehwε me Gyefo sε
Ɔsεn mmemudua no ho
Na mogya refi N’ak’rum’ sen no a,
Mede me ho ma Nokoraa sε afɔre~a εsɔ ani,
Ɔdɔ bεn ni? Ɔdɔ bi nte sε Kristo dɔ!
Kan’ na meyε ‘nifrani nanso nnε m’ani abue,
Kristo mogya dehye no agye me;
Sε mehwε me Gyefo sε
Ɔsεn mmemudua no ho
Na mogya refi N’ak’rum’ sen no a,
Mede me ho ma Nokoraa sε afɔre~a εsɔ ani,
Ɔdɔ bεn ni? Ɔdɔ bi nte sε Kristo dɔ!
[V2]
‘Wura Yesu, afei de ky’rε me nea menyε mmaW’,
Mayε komm rehwehwε Wo akyi kwan;
Sε mete~ase~a mete maW’,
Sε mewu mpo~a mewu maW’,
Kosi sε Wobepue W’ahenni no mu;
‘Fisε Woayε bi~ama me,
Merentumi nna W’ase,
Wura Yesu, afei de fa me, fa me koraa.
‘Wura Yesu, afei de ky’rε me nea menyε mmaW’,
Mayε komm rehwehwε Wo akyi kwan;
Sε mete~ase~a mete maW’,
Sε mewu mpo~a mewu maW’,
Kosi sε Wobepue W’ahenni no mu;
‘Fisε Woayε bi~ama me,
Merentumi nna W’ase,
Wura Yesu, afei de fa me, fa me koraa.
[V3]
Wo a Woyε Nyame Ba nso Wowu maa bɔn’yεfo;
Me bɔne nti wɔbɔɔ Wo asεnduam’.
Wɔyεε Wo ayayade,
Wɔtee Wo so n-tasu,
Ne nyinaa ‘kyi wɔbɔɔ Wo asεnuam’;
Eyi nyinaa Woampa~aba, Wo dɔ no nti Wokaa sε,
“Fa firi wɔn, Agya, wɔnnim nea wɔreyε.”
Wo a Woyε Nyame Ba nso Wowu maa bɔn’yεfo;
Me bɔne nti wɔbɔɔ Wo asεnduam’.
Wɔyεε Wo ayayade,
Wɔtee Wo so n-tasu,
Ne nyinaa ‘kyi wɔbɔɔ Wo asεnuam’;
Eyi nyinaa Woampa~aba, Wo dɔ no nti Wokaa sε,
“Fa firi wɔn, Agya, wɔnnim nea wɔreyε.”