Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #764
Hymn 764 NG14 Sɔ Me Mu
[V1]
M’Ayenkwa pa Yesu,
Kae me m’akwantu yim’,
Menni ‘wirεkyekyefo bi
Sε Wo nko b’re a menam yi’
Ɔbra kwan yi so de,
Me nko mentumi mfa so (sɔ me mu)
**Nnyeso**
M’Ayenkwa pa Yesu,
Kae me m’akwantu yim’,
Menni ‘wirεkyekyefo bi
Sε Wo nko b’re a menam yi’
Ɔbra kwan yi so de,
Me nko mentumi mfa so (sɔ me mu)
M’Ayenkwa pa Yesu,
Kae me m’akwantu yim’,
Menni ‘wirεkyekyefo bi
Sε Wo nko b’re a menam yi’
Ɔbra kwan yi so de,
Me nko mentumi mfa so (sɔ me mu)
**Nnyeso**
M’Ayenkwa pa Yesu,
Kae me m’akwantu yim’,
Menni ‘wirεkyekyefo bi
Sε Wo nko b’re a menam yi’
Ɔbra kwan yi so de,
Me nko mentumi mfa so (sɔ me mu)
[V2]
Mεhwε m’anim ara,
Mεkɔ m’anim tee;
Nea mesrε Wo ne sε,
Ma menn’ru ‘kwantu yi awiei,
Anka mεda W’ase
Akamfo Wo din kronkron.
Mεhwε m’anim ara,
Mεkɔ m’anim tee;
Nea mesrε Wo ne sε,
Ma menn’ru ‘kwantu yi awiei,
Anka mεda W’ase
Akamfo Wo din kronkron.
[V3]
Menim, Woka me ho,
Me bo rentu da;
Sε ‘bonsam de haw ny’naa
Ba me so a me bo rentu da;
Me mpaebɔ ara ne sε:
Nyame, ma εnsi me yie.
Menim, Woka me ho,
Me bo rentu da;
Sε ‘bonsam de haw ny’naa
Ba me so a me bo rentu da;
Me mpaebɔ ara ne sε:
Nyame, ma εnsi me yie.
[V4]
M’aw’rεkyekye Nyame, Me Hann ne me Nkwagye;
Mesrε Wo Agya pa,
Hyerεn di m’anim kyerε me kwan,
Nea menam biara no,
Mesrε, Agya, di m’anim kan.
M’aw’rεkyekye Nyame, Me Hann ne me Nkwagye;
Mesrε Wo Agya pa,
Hyerεn di m’anim kyerε me kwan,
Nea menam biara no,
Mesrε, Agya, di m’anim kan.
[V5]
Atamfo ani hwε,
As’refo repε as’re;
Fεwdifo nso retwεn,
Nanso menim sε wɔbεfεre;
‘Fisε menim sε me
Dimafo Nyame te ase daa.
Atamfo ani hwε,
As’refo repε as’re;
Fεwdifo nso retwεn,
Nanso menim sε wɔbεfεre;
‘Fisε menim sε me
Dimafo Nyame te ase daa.
[V6]
Sε m’akwantu yi
Bεsi me yie a,
Sε mede nkonimdi
Bεkɔ fie a ne nyinaa firi Wo;
Ao me Nkwagye Nyame
Kae me ma εnsi me yie
Sε m’akwantu yi
Bεsi me yie a,
Sε mede nkonimdi
Bεkɔ fie a ne nyinaa firi Wo;
Ao me Nkwagye Nyame
Kae me ma εnsi me yie