Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #657
Hymn 657 Nyame a Wo Din Da Adasa So
[V1]
Nyame a Wo din da adasa so;
Wo a Wo dom apam no tim hɔ daa,
Ka baanu a wɔtwɛn W'anim yi ho;
Trɛw 'dɔ a wɔrehyira so no mu.
Nyame a Wo din da adasa so;
Wo a Wo dom apam no tim hɔ daa,
Ka baanu a wɔtwɛn W'anim yi ho;
Trɛw 'dɔ a wɔrehyira so no mu.
[V2]
Ma wɔn nkabom no nhyira afof'ro;
Ma wommue wɔn apon mma ahɔho,
Ma wɔn ntease a ayamye wɔ mu,
Fa adwen a 'mu da hɔ hyira wɔn.
Ma wɔn nkabom no nhyira afof'ro;
Ma wommue wɔn apon mma ahɔho,
Ma wɔn ntease a ayamye wɔ mu,
Fa adwen a 'mu da hɔ hyira wɔn.
[V3]
Yi pɛsɛmenkominya fi wɔn mu;
Fa kasa mu nokwaredi dom wɔn.
Ma nkabom no nnyina wɔ ap'rep're
Ne 'sase so ha nsakrae biara mu.
Yi pɛsɛmenkominya fi wɔn mu;
Fa kasa mu nokwaredi dom wɔn.
Ma nkabom no nnyina wɔ ap'rep're
Ne 'sase so ha nsakrae biara mu.
[V4]
ɔbra akwantu no fa biara mu,
Ma wɔnkae bɔ a wɔhyɛ no nnɛ yi;
Ma Wo Honhom nky'rɛ wɔn kwan baabiara,
Na wɔn dɔ nnyina Kristom' gyidi so.
ɔbra akwantu no fa biara mu,
Ma wɔnkae bɔ a wɔhyɛ no nnɛ yi;
Ma Wo Honhom nky'rɛ wɔn kwan baabiara,
Na wɔn dɔ nnyina Kristom' gyidi so.