Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #655

Hymn 655 Fie a Nyame Wom Wɔ 'Nigye

[V1]
Fie a Nyame wom wɔ 'nigye,
Na dɔ ahyɛ hɔ ma,
B're a wɔn pɛ, wɔn mpaebɔ ne
Wɔn s'ro home yɛ k'ro.

[V2]

Fie a Yesu din yɛ dɛ wom',
Wɔ anigye kɛse,
Nea mmofra bɔ Ne din daa na
Awofo di No ni.

[V3]

Fie a mpaebɔ ne 'yeyi wom',
Wɔ anigye kɛse,
Nea awofo dɔ Kyerɛwsɛm
Ne 'mu nyansa ny'naa no.

[V4]

'W'ra, ma yɛn ntease yɛn fie na
Yɛanya saa 'somdwoe yi;
Ka yɛn koma bom Wo dɔ mu,
Na yɛadɔ nnipa ny'naa.

655. Fie a Nyame Wom Wɔ 'Nigye

Link copied to clipboard successfully!