Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #641

Hymn 641 Nyame Nam Dɔ So De 'Sase Yi Fɛm Yɛn

[V1]
Nyame nam dɔ so de 'sase yi fɛm yɛn,
ɔmaa no botae wɔ b're ne beae mu;
Adebɔ mu ade ketewaa bi de,
Nanso ɛno ne adasa atrae.

[V2]

Aseda nka Nyame wɔ emu nnepa
Ne nkwa a ekura yɛn mu no ho,
Yɛkyɛ no yie a, ɛso obiara so,
Ahonya a emu nni hwehwɛbea.

[V3]

Akodi fi tete asɛe so nnɔbae;
Nhyɛso fi tete amia asase,
Yefi tete asɛe nea 'hia ma binom,
Ahwie bɔne agu nkwa nsuti hɔ.

[V4]

'Sase yɛ 'W'rade dea, ɔde ama yɛn,
Sɛ ahwɛfo a yɛnnɔ mmɔ ho ban;
Aw'rade pa, yi yɛn fi ne sɛe ny'naa ho,
Kosi wiase a enni awiei nom'!

641. Nyame Nam Dɔ So De 'Sase Yi Fɛm Yɛn

Link copied to clipboard successfully!