Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #630
Hymn 630 Me Kra, Trɛw Wo Ntaban Mu
[V1]
Me kra, trɛw wo ntaban mu;
Hwehwɛ wo kyɛfa pa n'
Fi nneɛma a etwam ho,
Kɔ s'ro wo trabea hɔ;
'Wia, ɔsram ne ns'romma kɔ,
B're beyi 'sase yi hɔ;
Sɔr' me kra, yɛ ntɛm kɔtra
ɔs'ro agua no so.
Me kra, trɛw wo ntaban mu;
Hwehwɛ wo kyɛfa pa n'
Fi nneɛma a etwam ho,
Kɔ s'ro wo trabea hɔ;
'Wia, ɔsram ne ns'romma kɔ,
B're beyi 'sase yi hɔ;
Sɔr' me kra, yɛ ntɛm kɔtra
ɔs'ro agua no so.
[V2]
Nsuten sen kɔbɔ po mu
Ͻntra n'akwan so daa;
Ogya tų a, ɛkɔ 'wia nkyɛn;
Wɔkɔ nea wofi hɔ;
'Krā a ɔyɛ Nyame de nso
Kɔn dɔ sɛ ohu N'anim,
ɔp're kɔ nea ɔte no
Kɔhome Ne kokom'.
Nsuten sen kɔbɔ po mu
Ͻntra n'akwan so daa;
Ogya tų a, ɛkɔ 'wia nkyɛn;
Wɔkɔ nea wofi hɔ;
'Krā a ɔyɛ Nyame de nso
Kɔn dɔ sɛ ohu N'anim,
ɔp're kɔ nea ɔte no
Kɔhome Ne kokom'.
[V3]
'Kwantufo munnni yaw bio,
Monkɔ 'kyɛde no ho;
Yɛn 'Gyenkwa no reba ntɛm,
Nkonimdi mu wɔ wim;
Munnim sɛ aka kakra
Na wɔabue 'nigye kwan no,
Yebegyaw yɛn 'w'rɛhow ny'naa
Fi fam ha akɔ 's'ro.
'Kwantufo munnni yaw bio,
Monkɔ 'kyɛde no ho;
Yɛn 'Gyenkwa no reba ntɛm,
Nkonimdi mu wɔ wim;
Munnim sɛ aka kakra
Na wɔabue 'nigye kwan no,
Yebegyaw yɛn 'w'rɛhow ny'naa
Fi fam ha akɔ 's'ro.