Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #628
Hymn 628 Yakob Akwantu Mu Da K'ro Bi B're a
[V1]
Yakob akwantu mu da k'ro bi b're a
ɔde 'bo yɛɛ sumii daa so 'nadwo no,
Ohuu atw're tenten bi adehu mu,
Sɛ ne nan si fam na ne ti wɔ ewim.
**Nnyeso**
Haleluya nka Yesu a Owuu duan' so,
Sɛ Wama mmɔb'rɔhun 'atwer' so ama me;
Sɛ Wama mmɔb'rɔhun 'atwer' so ama me;
Yakob akwantu mu da k'ro bi b're a
ɔde 'bo yɛɛ sumii daa so 'nadwo no,
Ohuu atw're tenten bi adehu mu,
Sɛ ne nan si fam na ne ti wɔ ewim.
**Nnyeso**
Haleluya nka Yesu a Owuu duan' so,
Sɛ Wama mmɔb'rɔhun 'atwer' so ama me;
Sɛ Wama mmɔb'rɔhun 'atwer' so ama me;
[V2]
Mo a mopɛ nyinaa, mommra mma yɛmf'ro,
Na Yakob abɔfo da so bɔ ho ban;
Monkae sɛ gyidim' 'nammɔn biarā a yetu n',
Odiyifo bi adi kan afa so.
Mo a mopɛ nyinaa, mommra mma yɛmf'ro,
Na Yakob abɔfo da so bɔ ho ban;
Monkae sɛ gyidim' 'nammɔn biarā a yetu n',
Odiyifo bi adi kan afa so.
[V3]
Sɛ yɛdu homebea hɔ a yɛbɛte
'Nigyesɛm sɛ, \"mommra ha, mō a wɔahy'ra mo,
Hann nsase ni, na 'nigye afie nso ni,\"
O, hena remf'ro atwer' a ɛte sɛɛ?
Sɛ yɛdu homebea hɔ a yɛbɛte
'Nigyesɛm sɛ, \"mommra ha, mō a wɔahy'ra mo,
Hann nsase ni, na 'nigye afie nso ni,\"
O, hena remf'ro atwer' a ɛte sɛɛ?