Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #614
Hymn 614 Monhyɛn Akobɛn! Hwɛ
[V1]
Monhyɛn akobɛn! hwɛ, 'tamfon' abɛn,
Momma frankaa so mma 'W'rade;
Monhyɛ akode, munnyina pintinn;
Momfa mo kwan no mfa N'asɛm so.
**Nnyeso**
Munyan, nsraafo! muntwa franka n'ho nhyia,
Nsiesie mo ho, mfa asɛm no nkɔ;
Monkɔ anim, monteɛm sɛ, hosana!
Kristo ne Sahen' wɔ dɔm yi so.
Monhyɛn akobɛn! hwɛ, 'tamfon' abɛn,
Momma frankaa so mma 'W'rade;
Monhyɛ akode, munnyina pintinn;
Momfa mo kwan no mfa N'asɛm so.
**Nnyeso**
Munyan, nsraafo! muntwa franka n'ho nhyia,
Nsiesie mo ho, mfa asɛm no nkɔ;
Monkɔ anim, monteɛm sɛ, hosana!
Kristo ne Sahen' wɔ dɔm yi so.
[V2]
Yɛkɔ 'hoɔden mu, yehyia 'tamfo no,
Yenim sɛ yɛn dɔm bedi nim;
'Kokyɛm ne frankaa hyerɛn hann no mu,
Yɛko ko pa yi, yɛrenni ntwo.
Yɛkɔ 'hoɔden mu, yehyia 'tamfo no,
Yenim sɛ yɛn dɔm bedi nim;
'Kokyɛm ne frankaa hyerɛn hann no mu,
Yɛko ko pa yi, yɛrenni ntwo.
[V3]
Yɛn Agya Nyame, yɛfrɛ Wo a, tie;
Boa yɛn nyinaa 'ra, Wo dom nti
Sɛ yewie ko no, di mu nkonim a,
Hyɛ yɛn nkonim kyɛw wɔ W'anim hɔ.
Yɛn Agya Nyame, yɛfrɛ Wo a, tie;
Boa yɛn nyinaa 'ra, Wo dom nti
Sɛ yewie ko no, di mu nkonim a,
Hyɛ yɛn nkonim kyɛw wɔ W'anim hɔ.