Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #600

Hymn 600 Wɔama 'Gyidifo Nyinaa Bɔhyɛ Pa

[V1]
Wɔama 'gyidifo nyinaa bɔhyɛ paɔ
\"Hwɛ, Meba ntɛm abɛgye M'ankasa de,
Munnyina pintinn kosi sɛ Mɛba;
Monneda sɛ binom; monwɛn na montwɛn\".

**Nnyeso**
\"Munnyina Pintim\", ɔs'ro bɔhyɛ paɔ
\"Yiw, wɔde ahenni no bɛma mo\.
\"Mommra M'anigyem, montra M'agua so;
Ahenkyɛw retwɛn mo; munnyina pintinn\".

[V2]

Yɛbɛwɛn b'rč a yɛn 'kanea redɛre;
ɔba afof'ro nkyɛn sɛ \"wifo 'nadwo\"
Yenim sɛ Wabɛn, nso yɛnnim da no;
Mmom fefɛb're ky'rɛ sɛ 'huhub're abɛn.

[V3]

Yɛn 'nidaso ni, egy'na N'asɛm soɔ
Yɛn W'ra Yesu anuounyam ahoyi no;
Bɔhyɛ horow no nyinaa tɔfa ni:
\"Hwɛ, Mereba ntɛm so, munnyina pintinn\".

600. Wɔama 'Gyidifo Nyinaa Bɔhyɛ Pa

Link copied to clipboard successfully!