Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #597

Hymn 597 Mo Awurade Nkoa

[V1]
Mo Awurade nkoa
'Biara ntwɛn n'adwumam'
Nhyɛ Ne s'ro asɛm no nso na
ɔnwɛn pon no ano.

[V2]

Momma mo 'kanea nhy'rɛn
Na gyaframa no nsɔ;
Mommɔ mo abɔso N'anim;
Mompae Ne mmae no mu.

[V3]

Monwɛn, mo W'ra hyɛ mo,
Yegu so yi, Wabɛn;
Monhwɛ Ne nsa sɛnky'rɛnne no,
Na ne ny'naa da adi.

[V4]

Akoa pa no ne nea
Wobehu n' saa kwan so!
Ne W'ra de 'nigye behu no,
Ahyɛ no ahenkyɛw.

597. Mo Awurade Nkoa

Link copied to clipboard successfully!