Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #595

Hymn 595 Momma Kanea Biara Nhyerɛn

[V1]
Momma kanea biara nhyerɛn,
'Sum kabii dɔn no rebɛn'
Wiase 'nadwo sum kabii a
Edi 'W'ra no mmae n'anim.

**Nnyeso**
Ͻnde, me nuanom, munsiesie
Mo akanea nyamesurom';
Owura no mmae no rebɛn,
Momma kanea biāra nhy'rɛn.

[V2]

Mpempem kɔ so totɔ nko na
Wɔpow nkrasɛm kɛsen' de;
Yɛde yɛn gyidi no besi
Ne mmae ho bɔhyɛ no so.

[V3]

N'asɛm ne nokwar', ky'rɛ yɛn kwan,
Yɛrentumi mfom kwan da;
Mmusu twa yɛn ho hyia mpo a
Yɛn de, wɔrennyaw yɛn da.

[V4]

Momfa nnwuma pa mfra gyidi,
Mfa mmoa wiasefo nyinaa;
B're a gyidi kyeky're yɛn no,
Setie de nhyira pii ba.

595. Momma Kanea Biara Nhyerɛn

Link copied to clipboard successfully!