Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #592
Hymn 592 'Wɛmfo, Ka Yɛn 'Nadwosɛm
[V1]
'Wɛmfo, ka yɛn 'nadwosɛm,
Ne bɔhyɛ sɛnky'rɛnne no.
'Kwantuni, mmepɔ no so,
Hwɛ anuounyam ns'romma no;
'Wɛmfo, so n'ahoɔfɛ yi
Ka dɛw anaa 'nidaso?
Yiw, ɔkwantuni, ɛde
Israel bɔhyɛ da no ba.
'Wɛmfo, ka yɛn 'nadwosɛm,
Ne bɔhyɛ sɛnky'rɛnne no.
'Kwantuni, mmepɔ no so,
Hwɛ anuounyam ns'romma no;
'Wɛmfo, so n'ahoɔfɛ yi
Ka dɛw anaa 'nidaso?
Yiw, ɔkwantuni, ɛde
Israel bɔhyɛ da no ba.
[V2]
'Wɛmfo, ka yɛn 'nadwosɛm,
Ns'romma no kɔ s'ro ara.
'Kwantuni, nhyira ne hann,
'Somdwoe, nokwar' wɔ ne' kwanm'.
'Wɛmfo, ne hann nkutoo
'Kwantuni, mfe yɛ ne de;
Hwɛ, ɛhy'rɛn 'sase so ny'naa.
'Wɛmfo, ka yɛn 'nadwosɛm,
Ns'romma no kɔ s'ro ara.
'Kwantuni, nhyira ne hann,
'Somdwoe, nokwar' wɔ ne' kwanm'.
'Wɛmfo, ne hann nkutoo
'Kwantuni, mfe yɛ ne de;
Hwɛ, ɛhy'rɛn 'sase so ny'naa.
[V3]
'Wɛmfo, ka yɛn 'nadwosɛm,
Asɛ adekyee reben.
'Kwantuni, sum reguan kɔ,
'Kyinnye ne suro resa;
'Wɛmfo, ma w'akyinkyin nnyae;
Yɛ ntɛm kɔ wo home fie;
'Kwantuni, hwɛ, 'somdwoe Hen'
Onyame Ba no aba!
'Wɛmfo, ka yɛn 'nadwosɛm,
Asɛ adekyee reben.
'Kwantuni, sum reguan kɔ,
'Kyinnye ne suro resa;
'Wɛmfo, ma w'akyinkyin nnyae;
Yɛ ntɛm kɔ wo home fie;
'Kwantuni, hwɛ, 'somdwoe Hen'
Onyame Ba no aba!