Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #574

Hymn 574 O'W'ra, Ma Me Ne Wo Nnantew

[V1]
O 'W'ra, ma me ne Wo nnantew,
Wɔ ɔsom nnwuma akwan so;
Ka W'asumasɛm kyerɛ me,
Boa ma mensoa ɔbra nnesoa.

[V2]

Fa ɔdɔ nsɛm a ɛyɛ dɛ
Kanyan m'adwen a ɛyɛ nyaa;
Boa ma mentwe m'aanammɔn mfi
Akobɔ mu nkɔ fie kwan so.

[V3]

Ky'rɛ me Wo boasetɔ na ma
Me ne Wo nnya 'yɔnkofa pa;
Wɔ nnwumā a ɛhyɛ gyidi den
Na edi bɔne so nim mu.

[V4]

Anidaso a ema hann
Daakye kwan a ɛtrɛ no so;
'Somdwoč a Wo nko na Wode ma,
O, 'Wura, ma me ne Wo ntra.

574. O'W'ra, Ma Me Ne Wo Nnantew

Link copied to clipboard successfully!