Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #572

Hymn 572 Fa W'ade Tit'riw Ma 'W'ra No

[V1]
Fa w'ade tit'riw ma 'W'ra no;
Wo mmabun b'rem' ahoɔden;
Fa wo kra nnamyɛ fof'to no,
Kɔ nokware ko no mu.
Yesu ama yɛn nhwɛso pa,
Sɛ 'babun kokod'rufo;
Fa wo ho ma No nokwarem'
Fa w'ade tit'riw ma No.

**Nnyeso**
Fa w'ade tit'riw ma 'W'ra no,
Wo mmabun b'rem' ahoaden;
Fa nkwagye akode no hyɛ
Sɔ nokware ko no mu.

[V2]

Fa w'rade tit'riw ma 'w'ra no,
Ma Onni hen' wo komam'
Ma Onim kan wɔ wo som mu,
Dan ne nyinaa hyɛ Ne nsa.
Ma, no wɔbɛma wo nso biɔɔ
Nyame de Ne dɔ Ba mae;
Wode nnaase resom no yi,
Fa w'ade tit'riw ma No.

[V3]

Fa w'ade tit'riw ma 'W'ra no,
B'ribi fof'ro nsɛ Ne dɔ;
ɔde Ne ho mae gyee wo nkwa,
Ogyaw Ne s'ro 'nuonyam hɔ,
De Ne kra too hɔ ɔpɛ mu,
Gyee wo fii bɔne sɛe mu,
Fa wo komam' nkamfo ma No,
Fa w'ade tit'riw ma No.

572. Fa W'ade Tit'riw Ma 'W'ra No

Link copied to clipboard successfully!