Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #534

Hymn 534 So Wo Sɛkyɛ Begy'na ɔbra 'S'rɔkyɛm'

[V1]
So wo sɛkyɛ begy'na ɔbra 's'rɔkyɛm'
B're a mununkum de haw ba no?
'S'rɛkye sɔre na hyɛn no wosow a
Wo sɛkyɛ betum' agy'na pintinn?

**Nnyeso**
Yɛwo sɛkyɛ a ɛhwɛ yɛn kra
B're a ɔbra sorɔkyɛ rebɔ;
Ekyɛky're Botantim kɛse no,
Atintim Agyenkwa no dɔ no mu.

[V2]

Sɛ atim yie a, ensuro ahum,
'Fisɛ 'Gyenkwa no nsa kura mu;
Nea ɛka Ne koma ne wo bom no
Bɛmaw' s'ro 'hoɔden de adi nim.

[V3]

Ebegy'na pintinn na ennim suro,
B're a hyɛn no rebɛn 'sase no;
Sɛ ahum tu na mframa bɔ mpo a
Po 'bufuw ntum' nkata hyɛn no so.

[V4]

Ebegy'na pintinn owu nsuy'ri mu,
B'rč a awɔw mma yentum' nhome mpo;
Sɛ 's'rɔkye sɔrč a ɛrenni huammɔ
B'rč a 'nidaso wɔ ntwamutam nom'.

[V5]

Sɛ adekyee hann nom yɛn ani hu
Abopa pon ne gy'nabea hyɛnn nō a
Yebetim yɛn sɛkyɛ s'ro mpoano hɔ,
'Fisɛ 'hum no to atwa koraa.

534. So Wo Sɛkyɛ Begy'na ɔbra 'S'rɔkyɛm'

Link copied to clipboard successfully!