Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #501
Hymn 501 Mpaebɔ B're Pa No
[V1]
Mpaebɔ b're pa no b're a yɛn koma brɛ ase,
Na yebom hyia Yesu, yɛn 'Gyenkwa ne yɔnko;
Sɛ yɛba Ne nkyɛn gyidim' a yenya Ne banbɔ.
ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
**Nnyeso**
Mpaebɔ b're pa no, Mpaebɔ b're pa no;

[V3]
Mpaebɔ b're pa no, b're a Agyenkwa no twiw bɛn,
Na ɔde ayamhyehye betie Ne mma no;
ɔka sɛ yɛnto haw biara ngu Ne nan ase;
ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
Mpaebɔ b're pa no, b're a Agyenkwa no twiw bɛn,
Na ɔde ayamhyehye betie Ne mma no;
ɔka sɛ yɛnto haw biara ngu Ne nan ase;
ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
[V4]
Mpaebɔ b're pa no, b're a wɔn a wɔahyia sɔhwɛ
Bɛka wɔn yaw aky'rɛ 'Gyenkwá a ɔdɔ wɔn no
ɔde atenka koma yi haw biara fi hɔ;
ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
Mpaebɔ b're pa no, b're a wɔn a wɔahyia sɔhwɛ
Bɛka wɔn yaw aky'rɛ 'Gyenkwá a ɔdɔ wɔn no
ɔde atenka koma yi haw biara fi hɔ;
ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
[V5]
Mpaebɔ b're pa yim' no, yɛtwer' No ā yɛgye di
Sɛ yɛn nsa bɛka nhyira a yɛhia nyinaa
'Hotɔso pa yi mu no, yɛn haw biara bɛy'ra
ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.
Mpaebɔ b're pa yim' no, yɛtwer' No ā yɛgye di
Sɛ yɛn nsa bɛka nhyira a yɛhia nyinaa
'Hotɔso pa yi mu no, yɛn haw biara bɛy'ra
ɔbrɛ aduru bɛn ni! Sɛnea hɔ yɛ dɛ fa.