Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #482

Hymn 482 Agya, Di M'anim Daa Daa

[V1]
Agya, di m'anim daa daa,
Fa me fa Wo kwan pa so;
Ma menyɛ kronn, nni nkowar'
Na kyerɛ me nea menyɛ.

[V2]

Ma me 'kokod'ru mmusum'
Ma minhu sɛ Wogye nkwa;
Fa me sie Wo nkyɛn hɔ daa
Na ma mentra Wo dɔ mu.

[V3]

Sɛ mihyia bɔn' ho sɔhwɛ a
Hyɛ me den ma minnyina;
Sɛ meyɛ ankonam a
Fa Wo tum' nsa wowa me.

[V4]

Ma menyɛ papā a minim,
Nyɛ Wo dɔ ba wɔ fam ha;
Na da bi maba Wo fie
Abɛyɛ Wo ba daapem.BR>

482. Agya, Di M'anim Daa Daa

Link copied to clipboard successfully!