Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #480

Hymn 480 Aw'rade, Amansan Agya

[V1]
Aw'rade, amansan Agya
Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn;
Na fa adwen pa hyɛ yɛn ma,
Ma yɛmfa ɔbra kronn nsom Wo,
Mfa 'nidi nyi W'ayɛ.

[V2]

Ma yɛmfa 'hotoso pa sɛ
Wɔn a wɔtee 'W'rade
Frɛ no wɔ Siria po ho no;
Ma yɛnyɛ sɛ wɔn ara pɛ,
Nɔsɔre nni W'akyi

[V3]

'Homegye da wɔ Galilee
Mmepɔ atifi hɔ;
Nea Yesu koto ne Wo dii
Daa nkwa ho nkitaho kommyɛm'
A efi dɔ mu no.

[V4]

Tɔ Wo kommyɛ bosu pa no
Kosi yɛn ko n'awiei;
Yi brɛ ne haw fi yɛn kra mu,
Na yɛmfi ɔbra pa mu nka
W'asomdwoe ahoɔfɛ.

[V5]

Home W'ayaressa d'ru no
Gu yɛn apɛde so;
Ma 'tenka nnyae, na honam nna;
Kasa fi 'gya ne mframa mu,
'Somdwoe nne ketewa.

480. Aw'rade, Amansan Agya

Link copied to clipboard successfully!