Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #474
Hymn 474 Fa Yesu Din Bata Wo Ho
[V1]
Fa Yesu din bata wo ho,
Mmɔb'rɔni werɛhowni;
Ͻbɛma wo aw'rɛkyekye
Nea wokɔ biara, fa kɔ.
**Nnyeso**
O din pa, ɛyɛ dɛ!
Ha 'nidaso ne s'ro dɛw;
O din pa, ɛyɛ dɛ!
Ha 'nidaso ne s'ro dɛw.
Fa Yesu din bata wo ho,
Mmɔb'rɔni werɛhowni;
Ͻbɛma wo aw'rɛkyekye
Nea wokɔ biara, fa kɔ.
**Nnyeso**
O din pa, ɛyɛ dɛ!
Ha 'nidaso ne s'ro dɛw;
O din pa, ɛyɛ dɛ!
Ha 'nidaso ne s'ro dɛw.
[V2]
Fa Yesu din no yɛ wo kyɛm,
Wɔ m'firi nyinaa ho;
Sɛ sɔhwɛ twa wo ho hyia a
Bɔ mpae din kronkron no mu.
Fa Yesu din no yɛ wo kyɛm,
Wɔ m'firi nyinaa ho;
Sɛ sɔhwɛ twa wo ho hyia a
Bɔ mpae din kronkron no mu.
[V3]
O, Yesu din a ɛsom bo!
Ͻde dɛw hyɛ yɛn kra ma;
Sɛ ɔgye yɛn Ne nsa so a,
Yɛbɛto Ne ho dwom yie.
O, Yesu din a ɛsom bo!
Ͻde dɛw hyɛ yɛn kra ma;
Sɛ ɔgye yɛn Ne nsa so a,
Yɛbɛto Ne ho dwom yie.
[V4]
Yɛbebɔ mpae Yesu din mu,
Akoto Ne nan ase;
YɛbɛhyɛN' ahen mu Hen' s'ro
B'rč a 'kwantu yi to betwa.
Yɛbebɔ mpae Yesu din mu,
Akoto Ne nan ase;
YɛbɛhyɛN' ahen mu Hen' s'ro
B'rč a 'kwantu yi to betwa.