Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #472
Hymn 472 Etɔ Dá a Mete Dwom Bi
[V1]
Etɔ dá a mete dwom bi,
Nea obi ntee bi da,
Sɛ ɛnam s'ro apon mu
Resian ba 'sase so;
Ͻte sɛ abɔfo nne
Anigye ne ɔdom',
Ͻhyɛ dwonto kɛse ma
Twa s'ro 'hengua ho hyia.
**Nnyeso**
O, ɔsoro dwom dɛdɛ
A wɔte fi nohoa,
ɔsoro ne fie dwom a
Efi Nyamč apon mu.
Etɔ dá a mete dwom bi,
Nea obi ntee bi da,
Sɛ ɛnam s'ro apon mu
Resian ba 'sase so;
Ͻte sɛ abɔfo nne
Anigye ne ɔdom',
Ͻhyɛ dwonto kɛse ma
Twa s'ro 'hengua ho hyia.
**Nnyeso**
O, ɔsoro dwom dɛdɛ
A wɔte fi nohoa,
ɔsoro ne fie dwom a
Efi Nyamč apon mu.
[V2]
Ͻde asomdwoe tene
Fa me kra mu bɔkɔɔ,
Sɛ Onyankopɔn nhyira
Ma 'sase so haw gyae,
Ͻkorɔn sen m'frama,
As'rɔkye ne po nne;
Na ɛde anuonyam dwom
Hyɛ ɔsoro fie ma.
Ͻde asomdwoe tene
Fa me kra mu bɔkɔɔ,
Sɛ Onyankopɔn nhyira
Ma 'sase so haw gyae,
Ͻkorɔn sen m'frama,
As'rɔkye ne po nne;
Na ɛde anuonyam dwom
Hyɛ ɔsoro fie ma.
[V3]
Dwom yi ba me so daa daa
Sɛ dae mu ade bi,
Ͻba te sɛ ɔsoro
Mframa ne asuten;
ɔdɛw hyɛ me koma ma
Sɛ b're bi bɛba a
Me ne abɔfo bɛto
ɔs'ro ne fie dwom no.
Dwom yi ba me so daa daa
Sɛ dae mu ade bi,
Ͻba te sɛ ɔsoro
Mframa ne asuten;
ɔdɛw hyɛ me koma ma
Sɛ b're bi bɛba a
Me ne abɔfo bɛto
ɔs'ro ne fie dwom no.