Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #470
Hymn 470 Owia Hann Wɔ Me Komam' Nnɛ
[V1]
Owia hann wɔ me komam' nnɛ;
Ͻhyerɛn 'nuonyam mu
Kyɛn 'wia a ɛhyerɛn wɔ wim,
'Fisɛ Yesu nem' hann.
**Nnyeso**
Owia hann bi (wɔ me mu)
Nhyira hann bi (wɔ me mu)
B're a 'somdwoe mm're pa retwam kɔ
Sɛ Yesu serew ky'rɛ me a
Owia hann bi hy'rɛn me mu.
Owia hann wɔ me komam' nnɛ;
Ͻhyerɛn 'nuonyam mu
Kyɛn 'wia a ɛhyerɛn wɔ wim,
'Fisɛ Yesu nem' hann.
**Nnyeso**
Owia hann bi (wɔ me mu)
Nhyira hann bi (wɔ me mu)
B're a 'somdwoe mm're pa retwam kɔ
Sɛ Yesu serew ky'rɛ me a
Owia hann bi hy'rɛn me mu.
[V3]
Dwom bi wɔ me koma mu nnɛ,
Meto ky'rɛ me Hen' no;
Yesu retie na ɔte nnwom
A mintumi nto mpo.
Dwom bi wɔ me koma mu nnɛ,
Meto ky'rɛ me Hen' no;
Yesu retie na ɔte nnwom
A mintumi nto mpo.
[V4]
'Hotɔ b're wɔ me kommam' nnɛ,
'Fisɛ 'W'rade bɛn a,
'Somdwo bu'b'ru to dwom memu,
Na ɔdom nhwiren pue.
'Hotɔ b're wɔ me kommam' nnɛ,
'Fisɛ 'W'rade bɛn a,
'Somdwo bu'b'ru to dwom memu,
Na ɔdom nhwiren pue.
[V5]
Anigye wɔ me komam' nnɛ,
Ne 'nidaso ne dɔ;
Nhyirā a ɔde ma me seesei,
Ne s'ro 'nigyɛ no nti.
Anigye wɔ me komam' nnɛ,
Ne 'nidaso ne dɔ;
Nhyirā a ɔde ma me seesei,
Ne s'ro 'nigyɛ no nti.