Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #468

Hymn 468 M'Agya Wɔ Afie Ne Nsase Bebree

[V1]
M'Agya wɔ afie ne nsase bebree;
Wiase yi my adonyade wɔ Ne nsam!
'Bohemma, dɛnkyɛmmo, dwetɛ, sika,
Ahyɛ N'adan ma, N'ahonya nni ano.

**Nnyeso**
Meyɛ 'Hene no ba
ɔhene no ba!
Yesu yɛ m'Agyenkwa 'i,
Meyɛ 'Hene no ba.

[V2]

M'Agya n'ara Ba, nnipa, 'Gyenkwa ni,
Bɛnantee 'sase so sɛ wɔn mu hiani,
ɔredi ma nnebɔn'yɛfo wɔ s'ro,
Sɛ ɔba a ɔbɛma me trabea pa.

[V3]

Na meyɛ 'dedamfikyi ne 'hɔho,
ɔdebɔn'yɛni ne ɔmanfrani bi,
Wɔayɛ me ɔba aky'rɛw me din sɛ
Ofie, atade ne 'henkyɛw dedifo.

[V4]

ɔdan anaa ɔsese, mennwen ho,
Wɔresi ahemfie ama me wɔ hɔ!
Ewom mafi fie de nanso mɛto:
\"Nuonyam nka Nyame, meyɛ ɔhen' no ba.\"

468. M'Agya Wɔ Afie Ne Nsase Bebree

Link copied to clipboard successfully!