Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #453

Hymn 453 Yɛate Afi 'Sase Kronkron No So

[V1]
Yɛate afi 'sase kronkron no so,
Yɛare na yɛn koma di dɛw
'Fise na yɛyɛ 'kwantufo kuw,
A yɛabrɛ, di awerɛhow
Wɔka sɛ ahotefo wɔ fie biɔ
Yɛnyɛ adedamfikyi bio;
Yenim sɛ 'sase no yɛ 'sase pa
Nea nkwa nsuo sen hɔ daa.

[V2]

Wɔka sɛ nwųra frɔmfrɔm di ahim hɔ,
Ͻyɛ nea entumi nkisa;
Anweatam dan asesa bere
Na Saron nhwiren nyin frɔmfrɔm,
Nnomaa pii a wɔn ho yɛ fɛ wɔ hɔ,
Wɔn nnwom yɛ dɛ, yɛ anigye;
Wɔn nne nnyigyei yɛ foforo daa daa,
'Bɔfo sanku gye so.

[V3]

Yɛate berɛw ne ntade, ne nhenkyɛw
Ne dwontofo 'hoɔfɛfo nka;
Kuro papāa n'apon yɛ 'bopa
A ne nyinaa de hann hyerɛn;
Yɛate abɔfo ne 'hotefo nka,
Wɔde sika sanku to nnwom
Fa bepɔ ne nkwa dua no ne nhaban
A ɛsa yare ho.

[V4]

Saa ɔman no mu Hene ho yɛ fɛ,
ɔne beae no dɛw ne ne hann,
Yebehu No hɔ N'ahoɔfɛ mu,
Yɛbɛsɛpɛw yɛn ho N'anim,
Ͻrenkyɛ, ɛrenkyɛ yebedu hɔ,
Yɛne ahotefo bebom;
Yebenya berɛw, ntade, ne nhenkyɛw,
Na yɛahome dapen.

453. Yɛate Afi 'Sase Kronkron No So

Link copied to clipboard successfully!