Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #445

Hymn 445 Meyɛ 'Hɔhɔ Wɔ Ha

[V1]
Meyɛ 'hɔho wɔ ha, S'ro ne me fie;
'Sase so yɛ w'rɛhow, S'ro ne me fie;
Mmusu ne aw'rɛhow Atwa me ho ahyia,
ɔs'ro ne m'Agya fie, S'ro ne me fie.

[V2]

Sɛ 's'rɔkye bɔ me mpō a, S'ro ne me fie;
M'akwantu ha yɛ tia, S'ro ne me fie;
ɔbra yim' aw'rɛhow Renkyɛ na atwam kɔ,
Aky'ri no medu fie, S'ro ne me fie.

[V3]

M'Agyenkwa no nkyɛn hɔ, S'ro ne me fie;
ɔbɛhyɛm' anounyam, S'ro ne me fie;
Wɔn a wɔahy'ra wɔn a Medɔ wɔn no bɛkɔ;
'Hɔ na menya home, S'ro ne me fie.

445. Meyɛ 'Hɔhɔ Wɔ Ha

Link copied to clipboard successfully!