Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #441

Hymn 441 Mihuu Brɛfo Mmɔb'rɔni Bi

[V1]
Mihuu brɛfo mmɔb'rɔni bi;
'de awerɛhyem tu ne kwan;
Nea wasoa 'sɛnnua no akyɛ
Da so hwɛ bɔhyɛ da no kwan.
B're a aw'rɛhow ne ohaw,
Aye mpomponoe wɔ n'anim;
Mibisaa nea 'hyɛɛ ne kra den,
Obuae sɛ, \"nidaso pa no\".

[V2]

Mihuu peaw ne kyɛm kurafo,
'De nisiyɛ pam wiase 'bufuw,
Koo mmarima so wɔ sar' so
De nyaa daapem ahenkyɛw no.
Mmom wabrɛ, 'tamfo hyɛn' so de,
Nso 'nwinwii bi 'mfi ne komam',
Mibisaa nea hyɛ ne kra den,
Obuae sɛ \"nidaso pa no\".

[V3]

Obi nso wɔ hɔ a ogyaw
Ne kan mɔfe mu nnamfo pa;
Anuonyam 'nigye ne sika
Bɛfaa kwan a nusu wɔ so.
Nsɔhwɛ ne ɔko nwenwen mu,
Nanso ɔtoa so s'rew 'nigyem.
Mibisaa nea hyɛɛ ne kra den,
Obuae sɛ \"nidaso pa no\".

[V4]

B're a yetu yɛn kwan pa yi
Wɔ sum ne bɔne wiase yi,
Wɔ haw, tan ne atwetwe mu
Anaa owu bɔn apon mu.
Kosi sɛ yɛn Hen' no bɛ ba
Bɛfa Ne nneduafō akɔ fie,
O, dɛn na tumi kyɛ kra den
Nyɛ hwee sɛ \"nidaso no nko\".

441. Mihuu Brɛfo Mmɔb'rɔni Bi

Link copied to clipboard successfully!