Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #400

Hymn 400 Mede Dɛw Rebehyia Me W'ra

[V1]
Mede dɛw rebehyia me W'ra,
Fafri ne ɔdɔ mu.
Mede 'hodw'riw bɛkae Ne nkwá a
ɔde too hɔ maa me.
ɔde too hɔ maa me.

[V2]

Me ne Kristofo ny'naa reba
Abehu nokwar' dɔ
Ayɔnkofa b'rč a yɛredi
Kristo mu paanoo no.
Kristo mu paanoo no.

[V3]

Sɛ Kristo ma yɛn paanoo a,
Mpaapaemu ny'naa to twa;
'Dɔ a ɛbɔɔ yɛn no ka yɛn bom,
Na 'hɔho yɛ nnamfo.
Na 'hɔho yɛ nnamfo.

[V4]

Saa na yɛde dɛw hyia yɛn W'ra,
ɔbɛn yɛn b're biara,
Wɔ saa 'yɔnkofa pa yi mu;
Yehu No kamfo No,
Yehu No kamfo No.

[V5]

Yɛahyia mu wɔ nkabom pa mu,
Yebedi ntetemu,
Na yɛyɛ Ne nk'rɔfo wiase;
Yɛbɛto N'ayeyi.
Yɛbɛto N'ayeyi.

400. Mede Dɛw Rebehyia Me W'ra

Link copied to clipboard successfully!