Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #387

Hymn 387 ɔhome Da, Fa 'Somdwoe

[V1]
ɔhome da, fa 'somdwoe
Ne ayaresa brɛ yɛn;
Ka ɔsoro asɛm ky'rɛ
Kra a haw 'hyɛ no ma sɛ:
\"Bɛhome, bɛhome!\"

[V2]

Ma fam akɔnnɔ to ntwa,
Na dum ɔhaw gya nyinaa;
Ka soro nsɛm ky'rɛ wɔn a
Wɔafom kwan, so nnesoa sɛ:
\"Bɛhome, bɛhome!\"

[V3]

Popa 'niwam nusu ny'naa,
Ma haw ne ehu to ntwa;
Ade ny'naa reyɛ yie no,
Ky'rɛ yɛn s'ro nsɛm a ɛse:
\"Bɛhome, bɛhome!\"

387. ɔhome Da, Fa 'Somdwoe

Link copied to clipboard successfully!