Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #376
Hymn 376 Ade Ny'naa WɔW', Yenni 'Kyɛde
[V1]
Ade ny'naa wɔW', yenni 'kyɛde
A yɛde maW', akyɛde W'ra;
Nnɛ yefi 'seda komam de
Nea ɛwɔW' gu Wo nan ase.
Ade ny'naa wɔW', yenni 'kyɛde
A yɛde maW', akyɛde W'ra;
Nnɛ yefi 'seda komam de
Nea ɛwɔW' gu Wo nan ase.
[V2]
Adansifo no huu Wo pɛ;
Wo nsa dii dwuma wɔ yɛn mu;
Wode Wo nyansa nam nnipa
Nhyehyɛɛ so daa Wo t'rimpɔ adi.
Adansifo no huu Wo pɛ;
Wo nsa dii dwuma wɔ yɛn mu;
Wode Wo nyansa nam nnipa
Nhyehyɛɛ so daa Wo t'rimpɔ adi.
[V3]
Wunni ahiade bi Wo mu;
Nnipa 'hiade nti na wɔyɛɛ
Mpaebɔ fie ne homebea yi;
Ma W'ahotefo nya nhy'ra ha.
Wunni ahiade bi Wo mu;
Nnipa 'hiade nti na wɔyɛɛ
Mpaebɔ fie ne homebea yi;
Ma W'ahotefo nya nhy'ra ha.
[V4]
Yɛn mm'rɛwyɛ ne hia mu yɛfrɛ
Wo a s'ro yɛW' ketewaa bi;
W'anuonyam yɛWo mma yiedi,
W'ani gye sɛ Woyɛ Agya.
Yɛn mm'rɛwyɛ ne hia mu yɛfrɛ
Wo a s'ro yɛW' ketewaa bi;
W'anuonyam yɛWo mma yiedi,
W'ani gye sɛ Woyɛ Agya.
[V5]
O, Agya! behy'ra saa dan yi;
Ma ha yi nyɛ trenee trabea,
Na ma saa apon yi ny'naa nyɛ
Kwan a yɛfa so ba Wo nkyɛn.
O, Agya! behy'ra saa dan yi;
Ma ha yi nyɛ trenee trabea,
Na ma saa apon yi ny'naa nyɛ
Kwan a yɛfa so ba Wo nkyɛn.