Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #363

Hymn 363 'W'rá a Wode Dɔ Som

[V1]
W'rá a Wode dɔ som 'hobrɛasem
De soaa nnipa ahiade;
Wō a wɔpoo Wo 'sɛnnua no so
Nso Woyɛɛ dom adwuma:
Wo nkoa de yɛn som rebrɛ Wo,
'Nyɛ nne mu nko, na komam;
Yɛde akyɛde biara a
Wode ma yɛ W'apɛde.

[V2]

Wo mma da so wɔ ntwɛtwɛdɛ;
ɔkɔm mma da so resu;
Nneduafo p're pɛ 'hofadi;
Yɛda so su yɛn 'wufo.
Sɛnea Wode ahummɔb'rɔ
Sa ɔkra no yare no,
Fa Wo Honhom tumi no so
Besiesie yɛn wiase yi

[V3]

Yɛresom yi, ma yɛn nhun'mu
Kosi sɛ Wo dɔ hann no
Wɔ ne k'rɔn ne kɛseyɛ mu
Bɛkanyan yɛn adehu;
Na yɛahu 'hiade ne nnesoá a
W'adɔe hyɛ yɛn ma yɛsoa,
Na akanyan yɛn ama 'som
Ne Wo nkwa ho 'dansedi.

363. 'W'rá a Wode Dɔ Som

Link copied to clipboard successfully!