Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #343

Hymn 343 Mɛto Me Gyefo No Ho Dwom

[V1]
Mɛto me Gyefo no ho dwom,
N'anwanwa dɔ kɛse no;
Ohuu amane dua no so,
Faa mmusu mu de gyee me.

**Nnyeso**
Mɛto me Gyefo no ho dwom,
ɔde Ne mogya tɔɔ me;
Maa me faf'ri 'sɛnnua no so
Na minyaa ahofadi.

[V3]

Mɛka 'nwanwasɛm no aky'rɛ
Sɛ me nɔkwagye no nti,
Ofi dɔ ne mmɔb'rɔhun' mu
Yɛɛ mpata maa bɔne kwa.

[V4]

Mɛto me Gyefo no ho dwom,
Ne soro dɔ kɛse no;
ɔde me fi wum' aba nkwam'
Na Wayɛ me Nyame ba.

343. Mɛto Me Gyefo No Ho Dwom

Link copied to clipboard successfully!