Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #333

Hymn 333 'Suboni No Nteam Wɔ Yordan

[V1]
'Suboni no nteam wɔ Yordan
Ky'rɛ sɛ Aw'rade no abɛn;
Sɔre na tie 'fisɛ ɔde
'Hen' mu Hen' ho 'nigyesɛm nam.

[V2]

Ma 'kra ny'naa ho ntew mfi bɔnem';
Na Nyame kwan ntene wɔ yɛn mu;
Momma yɛnsiesie yɛn komam'
Na Kristo mmra mmɛhyɛne mu.

[V3]

'W'ra, yɛteam sɛ Woyɛ 'Gyenkwa,
Yɛn guankɔbea ne akyɛde;
Wo dom nni hɔ a yɛte sɛ nhw'ren
A ewie sa na ɛporɔ.

[V4]

Tene Wo nsa, sa yɛn yare;
Ma yɛn so na yɛanhwe fam bio;
O, ma W'anim nhy'rɛn wɔ yɛn so
Na fa s'ro dɔ hyɛ wiase ma.

333. 'Suboni No Nteam Wɔ Yordan

Link copied to clipboard successfully!