Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #316

Hymn 316 Fa Wo Nkwa No Tra Me Mu

[V1]
Fa Wo nkwa no tra me mu,
Yesu, ahen' mu Hen'!
Wō ara yɛ me nsɛmmisa
Horow nyinaa ho mmuae;
Fa Wo nkwa no tra me mu
Yɛ Wo pɛ ade ny'naam!
Na menyɛ ahwehwɛ a
Eyi W'anuonyam ky'rɛ.

[V2]

Mede asɔrfie no maW'
Wɔatew ho fi bɔnem;
Ma W'anuonyam kronkron no,
Nhyerɛn mɔfi me mu;
Na asase ny'naa nyɛ komm,
Na nipadua yi nyɛ
W'akoa hobrɛasefo a
Otie Wo nko ara.

[V3]

B're biara akwaa no ny'naa
Retwɛn Wo frɛ anim,
Ayɛ krado sɛ Wo nko,
Wode bedi dwuma.
Enni ap'rep're hwee ho ɔ
Na ɛnnwennwen nni yaw;
Enteetee Wo nneyeɛ ho,
Nnwen adwenhun' biara.

[V4]

Masiesie me ho ɔdwo m',
Minni adwenkyeae bi;
Meretwɛn Wo nsusui pa,
B're a Wuhia me no;
Fa Wo nkwa no tra me mu
Yesu, ahen' mu Hen'!
W'ankasa yɛ 'nuonyam mmuae
Ma me nsɛmmisa ny'naa.

316. Fa Wo Nkwa No Tra Me Mu

Link copied to clipboard successfully!